Jeremiah 29:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia. Krataa no mu nsɛm nie:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɔde menaa Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Babel no; ese:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde krataa no hyɛɛ Safan babarima Elasa ne Hilkia babarima Gemaria nsa, wɔn na Yudahene Sedekia somaa wɔn kɔɔ Ɔhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babilonia no. Krataa no mu nsɛm ni: