Jeremiah 3:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ, ‘Me bo renfu afebɔɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel! AWURADE asɛm nie. Meremmuna menkyerɛ mo bio, na ɔdomfoɔ ne me, AWURADE asɛm nie. Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: Sane w’akyi, ɔkobɔfoɔ Israel! AWURADE asɛm nie. Meremmuna menkyerɛ mo bio, na ɔdomfoɔ ne me, AWURADE asɛm nie. Meremfa menhyɛ me yam nkɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Kɔ na kɔpae saa nsɛm yi kyerɛ atifi fam sɛ: San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! AWURADE asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfo ne me, AWURADE asɛm ni. Meremfa menhyɛ me yam nkosi daa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se, ‘Me bo remfuw afebɔɔ.