Jeremiah 3:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gye wo afɔdi to mu, woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua, woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame wɔ dua biara a adennan ase, na woanyɛ osetie amma me,’ ” sɛnea Awurade se ni.