Jeremiah 3:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛberɛ no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahennwa, na amanaman nyinaa abɛhyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔremfa asoɔden nni wɔn akoma bɔne akyi bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛberɛ no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahennwa, na amanaman nyinaa abɛhyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔremfa asoɔden nni wɔn akoma bɔne akyi bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛbere no mu na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ AWURADE ahengua, na amanaman nyinaa abehyiam ne nkyɛn, ama AWURADE din wɔ Yerusalem, na wɔrenni wɔn koma bɔne denyɛ akyi bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio.