Jeremiah 3:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mese, ɔyɛ yeinom nyinaa wie a, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wansane, na ne nuabaa sansani Yuda hunui.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mise: Ɔyɛ eyinom nyinaa wie a, ɔbɛsan aba me nkyɛn, nanso wansan: Na ne nuabea sansani Yuda hui;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui.