Jeremiah 30:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; mma wʼaba mu mmu, Israel,’ nea Awurade se ni. ‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ na obiara renhunahuna no bio.