Jeremiah 30:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛkyekyere wo kuro, na masa w’apirakuro, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no, Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.”
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛkyekyere wo kuro, na masa w’apirakuro, AWURADE asɛm nie, ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo “Deɛ wɔapam no, Sion a obiara mmisa n’akyiri kwan.”
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛkyekyere wo kuru, na masa w’apirakuru, AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no, Sion a obi mmisa n’akyi kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wʼapirakuru,’ Awurade na ose, ‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no, Sion a wo ho nhia obiara.’ ”