Jeremiah 31:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Muntie AWURADE asɛm, amanaman, na monka wɔ akyirikyiri mpoano aman so sɛ: Nea ɔbɔɔ Israel petee no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne kuw.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman; mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se, ‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’