Jeremiah 31:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,” Awurade na ɔseɛ. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ wɔ wɔn akoma so. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,” Awurade na ose. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na makyerɛw wɔ wɔn koma so. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.