Jeremiah 31:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’ Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me, ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE, na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obi renkyerɛ ne yɔnko na obi nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hu AWURADE! Na wɔn nyinaa behu me afi wɔn mu akumaa so akosi wɔn mu ɔkɛse so, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua se, ‘Hu Awurade,’ Efisɛ, wɔn nyinaa behu me, efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,” Sɛnea Awurade se ni. “Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”