Jeremiah 31:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, mede wɔn mifi atifi fam asase so reba, na makɔboa wɔn ano afi asase anoano tɔnn; na anifuraefo ne mpakye, apemfo ne mmaatan nyinaa ka ho bi; asafo yuu na wɔbɛsan aba ha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afi nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye, apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu; dɔm kɛse bɛsan aba.