Jeremiah 31:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔde osu na ɛbɛba, na mɛkyekye wɔn werɛ de wɔn aba, na megya wɔn de wɔn akɔ asuten ho, ɔkwan tee a wɔrenhintiw wɔ so; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde osu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho; ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so, efisɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.