Jeremiah 32:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mede ɔtɔ nwoma no maa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya nua Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nwoma no aseɛ no ne Yudafoɔ a wɔtete awɛmfoɔ abannwa mu hɔ no nyinaa anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mede ɔtɔ nwoma no maa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya nua Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nwoma no aseɛ no ne Yudafoɔ a wɔtete awɛmfoɔ abannwa mu hɔ no nyinaa anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede ɔtɔ nhoma no memaa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya ne nua Hanamel ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nhoma no ase no ne Yudafo a wɔtete awɛmfo abangua mu hɔ no nyinaa anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.