Jeremiah 32:35 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bonhwa mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa m’akoma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔsisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa m’akoma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wosisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmabea afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmaa me koma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyide yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.