Jeremiah 32:36 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei saa nti, sei na AWURADE Israel Nyankopɔn ka no kuro yi a mose afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ nti, ɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei saa nti, sei na AWURADE Israel Nyankopɔn ka no kuro yi a mose afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ nti, ɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei ne saa nti sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ka kurow yi a muse afoa ne ɔkɔm ne owuyare nti wɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: