Jeremiah 32:44 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔde sika bɛtotɔ mfuo, na wɔatwerɛ agu nwoma mu asosɔ ano ahyehyɛ ho adansefoɔ, Benyamin asase so ne Yerusalem ho, ne Yuda nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu, ne mmepɔ ase nkuro mu ne Negeb nkuro mu, na mede wɔn nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔde sika bɛtotɔ mfuo, na wɔatwerɛ agu nwoma mu asosɔ ano ahyehyɛ ho adansefoɔ, Benyamin asase so ne Yerusalem ho, ne Yuda nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu, ne mmepɔ ase nkuro mu ne Negeb nkuro mu, na mede wɔn nnommum bɛsane aba, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
wɔde sika bɛtotɔ mfuw, na wɔakyerɛw agu nhoma mu asosɔw ano ahyehyɛ ho adansefo, Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu ne mmepɔw so nkurow mu ne mmepɔw ase nkurow mu ne nifa fam nkurow mu, na mede wɔn nnommum mɛsan aba, AWURADE asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”
Recommended Reading