Jeremiah 32:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’ “Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna m’agya ne nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfo abangua no mu, sɛ AWURADE asɛm no kae no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase so no, na wo na ade no di ne ne gye wɔ wo. Tɔ fa! Ɛnna mihui sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’ “Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.”