Jeremiah 33:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ahurisie ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔ ne ayeforɔkunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie nne sɛ, “ ‘Momfa aseda mma Asafo Awurade, ɛfiri sɛ Awurade yɛ, na ne dɔ wɔ hɔ daa.’ ” Na mɛsane de asase no so nnepa a ɛwɔ hɔ dada no aba bio, Awurade, na ɔseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔbɛte ahosan nne ne anigye nne, ayeforokunu nne, ne ayeforo nne, ne nnwontofo nne bere a wɔde aseda afɔre ba AWURADE fi no na wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE oye na n’adɔe wɔ hɔ daa. Na mede asase no nnommum mɛsan aba sɛ kan no, AWURADE na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ahurusi ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔ reba Awurade fi nne se, “ ‘ “Momfa aseda mma Asafo Awurade, efisɛ Awurade ye, na ne dɔ wɔ hɔ daa.” Na mɛsan de asase no so nnepa a wɔwɔ hɔ dedaw no aba bio,’ Awurade, na ose.