Jeremiah 34:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm a ɛfiri AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, berɛ a Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa ne asase a ɛwɔ ne tumi aseɛ no so ahennie nyinaa ne aman no nyinaa aba rebɛne Yerusalem ne ne nkuro nyinaa ako no se:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa, ne ahenni a ɛwɔ wiase nyinaa, ne nnipa a ɛwɔ ne tumi ase no nyinaa, aba ne Yerusalem ne ne nkurow nyinaa reko no, ni:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ se,