Jeremiah 34:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mo deɛ, nnansa yi modanee, na moyɛɛ deɛ ɛtene wɔ m’ani so, sɛ mopaee ahofadie a obiara bɛma ne yɔnko kwan, na mopamm m’anim, efie a wɔde me din atoɔ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mo de, nnansa yi modanee, na moyɛɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ mo mu biara paee ahofadi kyerɛɛ ne yɔnko na mopamee m’anim, ofi a wɔde me din ato no hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu.