Jeremiah 34:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ na ɛne Yudahene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahye.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Kɔ na ɛne Yudahene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede kuro yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahye.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ na wo ne Yuda hene Sedekia nkɔkasa, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede kurow yi merehyɛ Babel hene nsa, na ɔde ogya ahyew;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee.