Jeremiah 34:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm nie, na mama wɔasane aba kuro yi ho abɛne no ako, na wɔagye, na wɔde ogya ahye, na mama Yuda nkuro adane amamfo a obi nte mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm nie, na mama wɔasane aba kuro yi ho abɛne no ako, na wɔagye, na wɔde ogya ahye, na mama Yuda nkuro adane amamfo a obi nte mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hwɛ, merehyɛ, AWURADE asɛm ni, na mama wɔasan aba kurow yi ho ne no abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew, na mama Yuda nkurow adan amamfo a obi nte mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”