Jeremiah 34:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo, na sɛdeɛ wɔhyehyee ohwan adeɛ maa w’agyanom, akane ahemfo a wɔdii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhye ama woɔ, na wɔatue wo so su sɛ: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo, na sɛdeɛ wɔhyehyee ohwan adeɛ maa w’agyanom, akane ahemfo a wɔdii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhye ama woɔ, na wɔatue wo so su sɛ: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asomdwoe mu na wubewu, na sɛnea wɔhyehyew aduhuam maa w’agyanom, kan ahene a wodii w’anim no no, saa ara na wɔbɛhyew aduhuam ama wo, na wɔatue wo so su se: Ao, Owura! Na asɛm yi, me na maka, AWURADE asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’ ”