Jeremiah 35:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rekabfoɔ fie no deɛ, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ɛsiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛdeɛ, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rekabfo fi no de, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛde, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: ‘Moayɛ osetie ama mo nena Yehonadab ahyɛde no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’