Jeremiah 36:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɔsiane kɔɔ ahemfie kɔɔ ɔtwerɛfoɔ pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na na mmapɔmma no nyinaa, Ɔtwerɛfoɔ Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa teteɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɔsiane kɔɔ ahemfie kɔɔ ɔtwerɛfoɔ pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na na mmapɔmma no nyinaa, Ɔtwerɛfoɔ Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa teteɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
osian kɔɔ ahemfi kɔɔ ɔkyerɛwfo pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na mmapɔmma no nyinaa, ɔkyerɛwfo Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa tetee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete.