Jeremiah 36:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abannwa no mu, na wɔde mmobɔeɛ no siee Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene aso mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abannwa no mu, na wɔde mmobɔeɛ no siee Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene aso mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abangua no mu, na wɔde mmobɔwee no siei ɔkyerɛwfo Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene asom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.