Jeremiah 36:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔeɛ no mmra; na ɔkɔfa firii Ɔtwerɛfoɔ Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa aso mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔwee no mmra; na ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa asom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa.