Jeremiah 37:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yeremia se: Dabi, ɛnte saa! Menyɛ deɛ wawae rekɔ Kaldeafoɔ nkyɛn. Na Yiria antie no, na ɔsɔɔ Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yeremia buae se, “Ɛnyɛ nokware. Merenguan nkɔ Babiloniafo afa.” Nanso Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanyimfo.