Jeremiah 37:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yeremia ka kyerɛɛ Ɔhene Sedekia sɛ: Ɛdeɛn bɔne na mayɛ woɔ ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafoɔ dan mu yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔhene Sedekia sɛ: Dɛn bɔne na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafo dan mu yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yeremia bisaa ɔhene no se, “Dɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfo anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?