Jeremiah 38:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na ɔsii mu kɔɔ ahemfie, adekorabea ase kɔtasee ntomago ne ntoma a asunsuane, na wɔde ntampehoma kyekyeree to maa Yeremia abura no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na osiim kɔɔ ahemfi, adekorabea ase, kɔtasee ntamagow a asusuw na asunsuane, na wɔde ntampehama kyekyeree tow maa Yeremia abura no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfi hɔ. Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.