Jeremiah 38:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛ wofiri adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wɔrenkum wo, na wɔremfa ogya nhye kuro yi, na wo ne wo fie bɛnya nkwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ wufi adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wo kra benya nkwa, na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fi benya nkwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu.