Jeremiah 38:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi kɔ Kaldeafoɔ nkyɛn no bɛnya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asadeɛ, na ɔbɛtena ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE seɛ nie: Deɛ ɔbɛtena kuro yi mu no bɛwu afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, na deɛ ɔfiri adi kɔ Kaldeafoɔ nkyɛn no bɛnya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asadeɛ, na ɔbɛtena ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɛtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi kɔ Kaldeafo nkyɛn no benya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asade, na ɔbɛtena ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu wɔ afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.