Jeremiah 38:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ awɛmfo abangua mu no mu, na wɔde ntampehama gyaagyaa no too mu. Nso abura no mu nni nsu, sɛ dontori nko; na Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.