Jeremiah 39:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔfaa Yerusalem no, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no so na Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yudahene Sedekia dii ade no, ne mfe akron mu, ɔsram a ɛto so du so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo nyinaa tuu Yerusalem so sa, wotuaa kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiae.