Jeremiah 39:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni biribi no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfuwa momaa wɔn da no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.