Jeremiah 40:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Brɛ a ɔsahene a ɔtua awɛmfoɔ no ano no hunuu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “ Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beaeɛ yi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ankɔbeahene no maa wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ankɔbeahene no ma wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔsahene a otua awɛmfo no ano no huu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no se, “ Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beae yi.