Jeremiah 40:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, Awurade ama aba mu. Wayɛ sɛdeɛ ɔkaa sɛ ɔbɛyɛ no. Yeinom nyinaa baa mu, ɛfiri sɛ, mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ ɔsetie amma no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nanso wama aba mu, na AWURADE ayɛ sɛnea ɔkae no, efisɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no ma asɛm yi aba mo so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na afei, Awurade ama aba mu, wayɛ sɛnea ɔkaa se ɔbɛyɛ no. Eyinom nyinaa baa mu, efisɛ mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ osetie amma no.