Jeremiah 40:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ansa na Yeremia bɛdane ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho sɛ, “Sane kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nana, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkuro so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforɔ biara a wopɛ.” Na ɔsahene no maa Yeremia aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ansa na ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ: Sane kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkuro so panin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduane ne ayɛyɛdeɛ, na ɔgyaa no kwan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na onnya mmuae no, ɔkae sɛ: San kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkurow so panyin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wobɛkɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduan ne ayɛyɛde, na ogyaa no kwan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ansa na Yeremia bɛdan ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho se, “San kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nena, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkurow so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforo biara a wopɛ.” Na ɔsahene no maa Yeremia aduan ne akyɛde, na ɔmaa no kɔe.