Jeremiah 40:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wiram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wiram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne asase no so ahiafoɔ a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmea ne mmofra ne asase no so ahiafo a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no,