Jeremiah 42:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
bɛka kyerɛɛ Odiyifoɔ Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotosrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn ne nkaeɛ yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛne kakraa bi a yɛaka firi nnipa bebree mu, sɛdeɛ wohu yɛn yi,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.