Jeremiah 44:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Misraim anafoɔ fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔte Misraim asase soɔ, wɔn a wɔtete Migdol ne Tapanes ne Memfis ne Patros asase soɔ no nyinaa ho nie:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafo a wɔte Misraim asase so, wɔn a wɔtete Migdol ne Tahpanhes ne Memfis ne Patros asase so no nyinaa ho ni:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn; ɛfa Yudafo a wɔtete Misraim anafo fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam no ho.