Jeremiah 44:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti na wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de bɛsi nnɛ da yi, nanso wɔnsuro, na wɔnnante me mmara ne m’ahyɛdeɛ a mede mesisii mo ne mo agyanom anim no soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de besi nnɛ da yi, nanso wonsuro, na wɔnnantew me mmara ne m’ahyɛde a mede misisii mo ne mo agyanom anim no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ebesi nnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa nidi adi na wonnii me mmara ne ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no so.