Jeremiah 44:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, montie Awurade asɛm, mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa. ‘Mede me din kɛseɛ no ka ntam sɛ,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘obiara a ɔfiri Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da sɛ, “Sɛ Otumfoɔ Awurade te ase yi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Saa nti montie AWURADE asɛm, Yudafoɔ a mote Misraim asase soɔ nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam sɛ, AWURADE asɛm nie, wɔremmɔ me din Yudani biara anomu wɔ Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te aseɛ yi!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ne saa nti muntie AWURADE asɛm, Yudafo a mote Misraim asase so nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛse no ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔremmɔ me din Yudani biara anom Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te ase yi!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso muntie Awurade asɛm, mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa. Mede me din kɛse no ka ntam se, nea Awurade se ni, obiara a ofi Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da se, “Sɛ Otumfo Awurade te ase yi.”