Jeremiah 44:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mo werɛ afiri mo agyanom nnebɔne, ne Yuda ahemfo nnebɔne, ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ara mo nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛɛ no Yuda asase soɔ ne Yerusalem mmorɔno soɔ no?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So mo werɛ afi mo agyanom nnebɔne ne Yuda ahene nnebɔne ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ankasa nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛe Yuda asase so ne Yerusalem mmorɔn so no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mo werɛ afi amumɔyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemmea yɛe, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔnten so no ana?