Jeremiah 45:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa.