Jeremiah 46:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo; ɛnna wɔse: Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn awoɔ asase so mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wama pii ahwehwe ase, baako atɔ da ne yɔnko so mpo; ɛnna wɔse: Sɔre ma yɛnsane nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn awoɔ asase so mfiri afena a ɛyɛ hu no anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wama pii ahwehwe ase, obiako atɔ da ne yɔnko so po; ɛnna wose: Sɔre ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne yɛn awo asase so mfi afoa a ɛyɛ hu no anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wobehintihintiw atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn, na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’