Jeremiah 46:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔteam hɔ sɛ: Misraimhene Farao asɛe; wama berɛ a ɛsɛ no atwam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔteɛm hɔ sɛ: Misraim hene Farao asɛe; wama bere a ɛsɛ no atwam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se, ‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’