Jeremiah 46:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
N’apaafo a wɔwɔ mu no nso te sɛ anantwi mma nyɛmmoa, na wɔn nso wɔdan wɔn ho bom guanguan; wonnyina, efisɛ wɔn sɛe da adu, wɔn asotwe bere aba wɔn so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade. Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan, wɔrentumi nnyina wɔn anan so, efisɛ amanehunu da no reba wɔn so, bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.