Jeremiah 46:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnam deɛn so na mehu wɔn sɛdeɛ wɔn akoma atuo na wɔadane wɔn akyire, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo, na dwane ara na wɔredwane na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm nie;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnam deɛn so na mehu wɔn sɛdeɛ wɔn akoma atuo na wɔadane wɔn akyire, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo, na dwane ara na wɔredwane na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm nie;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efi dɛn so na mihu wɔn sɛ wɔn bo atu yi? Na wɔadan wɔn akyi, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn agu, na aguan ara na wɔreguan na wɔnhwɛ wɔn akyi yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm ni,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dɛn na mihu? Wɔabɔ hu, wɔresan wɔn akyi, wɔn dɔmmarima adi nkogu. Woguan ntɛm so a wɔnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ose.