Jeremiah 47:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛda no aba sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no, nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Esiane ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifo nyinaa, atwitwa Tiro ne Sidon aboafo a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifo, Kaftor supɔw mu nkae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na da no aba sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no, nkae a wofi Kreta mpoano no.